Opinions

News

Sports

Business

Entertainment

GhanaWeb TV

Africa

Country

Mekunu p3 mmaa

Maame Broni Sandra Frimpong

Wed, 10 Oct 2018 Source: Sandra Frimpong

OBRONI’S MIND: Mekunu 3twe mpena, menso metwe mpena. Abusua, B)ne w) mu anaa?

Ewiase y3 ya o. Nti dab3n na mmaa b3de w?n ho? Nti seiaa na mmaa b3hy3 mmarima ase saa? Mete ase3, s3 Ghanafo) se mmarima y3 abusua no nti nanso, mogya w) mmaa mu, nti nno)ma mmarima y3 no mmaa nso b3tumi ay3 bi.

3n3 mmarima yi sika to fie, mmaa nso tumi yi bi. Barima noa 3bene saa ara nso na )baa noa 3b3 bene. Tete no na y3n Nana nom ka s3 etuo to a esi barima bo, nn3 yi de3, mmaa nso y3n bo so, bae, ter3 sane so ware a 3b3tumi agye etuo.

3ny3 s3 menni ahobrase3 ooo nanso ahobrase3 nkyer3 s3 gyimie. Kyer3 s3 asem no y3 wo ya koraa, mene na kas3 hmmmm. Eeeiiii mede hmmmm hmmm saa na mek) me kra akyi oooo. Nyame mpa ngu.

Mehyia mekunu Asenso Boakye no na masi mefie awie. Na mey3 odumay3ni kama a mew) meso ne me sika ne agyapade3 kakra. Otweduamp?n no adaworoma nti, na mabusua 3s) me w) soro. Ma wofo) di me ba kor) nti na w)n nsi me f)m. Mas3de3 s3 )ba kor) nso de3 na mey3 no simple koraa.

M’agya y3 )barima animuonyamfuo a )y3 n’as3de3 s3 okunu. Mekae ber3 a mewie ntoaso) sukuu na 3w) s3 mek) suap)n mu nanso na Owura Kwabena Akyeampong nni adwuma y3, na abrab) mu ay3 den ama abusua no, 3nam s3 na )y3 mogya mono no nti, )b)) ne ho mm)den t)n n’asaase baako p3 a na )w) na )de sika no t)) 3hy3n s3 b3y3 a )de b3y3 adwuma na aboa ama me sukuu kor) no awie p3y3. Onyame adom, saa aniso ade hunu yi tumi baa mu.

Hw3 so pa na m’agya Kwabena Akyeampong de hw3 me maame Yaa Akyaamaa nti na me k)n d) awade3. Mekunu Asenso kyer3 s3 )w) suban nti me te ase3 maa no ware me. Biribiara ahy3ase3 y3 d3 sane nso y3 f3. Me de anidie ne obuo maa me kunu.

Mfie mmi3nsa akyiri no, Asenso suban asesa. Mentumi ns) ne mobile phone mu bio nso fri y3n awade3 ahy3ase3 no, na obiara tumi fa ne y)nko mobile phone de y3 biribiara n’akoma p3. De3 na etwa me nsono mu ne s3 Asenso nfa y3nba Kwaku Arhin ho bio. Ab)fra no ho as3m biara nny3 Asenso ade mu. Ne sika yie w) fie nso k)) f)m nanso 3no koraa de3 nanka 3nha me mpo fri s3 na mey3 adwuma nti menso mew) sika.

Menya aboter3 ne me wura tena se dii nk)m) ka me haw kyer3 no. Dabiara no, )hy3 me b) s3 ne suban b3 sesa nso daabi da. Afei akyiri no de3, na mabr3. Sei na awade3 te3 paa dea anka fanyinam me sugya. 3t) da mpo a, Asenso fri fie agye nansa ansa na waba. Ber3 a mehunu s3 me wura afa mpena no, S3 na 3y3 obaa baako mpo a ebia anka m3fa no saa. Na odi mmaa no adane adane s? yiwan. Mede y33 mpaeb) ne ak)mkyere nso odae3.

Abusua ne as)fo) afutuo anfa nsakrae3 amma fie. Seisei de3, Asenso tumi de mmaa ba fie aber3 menni h). Afeide3 Dondo afono tigari, mey3 obaa koko)duru fo). Ahobrase3 nkyer3 s3 gyimie. S3 masu mfie mmiensa, Asenso nso su afe k3k3 koraa, 3nse3 hwee. Ebia na afutuo nsakra nipa agyes3 ns)hw3. Agor) yi b3y3 d3.

Na Asenso y3 General Manager w) n’adwuma mu. Mefri ase3 ne Asenso adwuma wura (Edudzie) twe mpena. Mene Board no ti tena nii nso faa adamfo. 3nam s3 na mewura nni y3n abusua no ho adaagye nti, wei nom nyinaa anny3 no asem hia s3 )b? bisa me. Anokwa, na Edudzie y3 barima ampa. Mawer3ho) dane m'anigyie. Owura no maa anigyie no bi s)) me ne Asenso ba Arhin so.

Bosome num akyiri no, madwuma den nti, Asenso hweree n’adwuma. Saa da no na 3sene me birthday mpo. M’ani gye da kese3 paa. 3nam s3 na mey3 aware s3 Asenso adwuma mu fo) no b3yi no adi nti, me tuu kwan fri Ghana mpo s3 mek) gye mahome w) Dubai. Hw3, mede me ba Arhin nso dii makyi. Saa nnawotwe no mu, Awurade Yesu!!! Na barima Asenso hia n’abusua w) fie. Awer3ho) aka no nso akwantuo mu ns3m. Metumi dum me mobile phone nansa. Nnawotwe mmienu akyiri na me sane baa Ghana. Me hunuu s3 me kunu Asenso aboto. Na w’afri ne dan sie ase de3 nso asaase no, na me din na 3da so. Nyame ne nimde3 nti, na Asenso ay3 investment dodo) no ara nti ahokyer3 b3ba de3 nanso )b3tumi ahw3 ne ho. 3no koraa de3 na menfa ho.

Me fie na y3 te3, nti s3 aware gyae3 ba mu a, Bra Asenso b3tu. Mesii no pi ka kyer3 no s3, 3nam s3 abosome nnw)twe nt3m )ne me nnaa da nti, ma fa mpena, na masane nso afa afuro ama saa aberante3 no saa nti 3w) s3 ogyae me aware3. Me kae no s3, ber3 a otumi ka kyer3 me s3, mey3 obaa foo na wanu ne ho s3 )ware me no p3, na menya adwene sakra. Mma ne wer3 nso mfiri s3, )de mmaa dodo) no ara na 3baa fie, b3 da y3n aware3 mpa nso buu me animtia. Nti ber3 aso s3 )nya saa fahodie noa w’apere ahwehw3 no.

Nyame anim afei de3 na barima adane obaa. As)fo) ne abusua afutuo no mu biara nni h) a na may3 madwene s3 m3tie. As3m baako p3 na mede yii abusua ne asofo) no ano,

“s3de3 mo tu me fo s3 menfa ma Nyame ber3 na Asenso de me fa oyaw mu no, mo kyer3 me s3 menb) mpae3, menny3 ak)mkyere mfa mma me kunu, na Nyame b3sesa no. Monfa saa afutuo no ara mma me kunu Asenso. )ny3 ak)mkyere na )m) mpae3 na 3y3 Awurade adom a, ebia na masesa.”

Anuanom ne adofo nom, maka b)ne?

Author: Sandra Frimpong (Maame Broni) Whatsapp: 0244943284 Email: Sandra.frimpong94@gmail.com Facebook: Maame Broni Twitter: @IamMaameBroni Instagram : @Maamebroni

Columnist: Sandra Frimpong